Acts 20

Paulo fi Efeso

1Basabasayɛ yi akyi no, Paulo frɛɛ asuafo no kaa nsɛm de hyɛɛ wɔn nkuran, kraa wɔn fii hɔ kɔɔ Makedonia. 2Okyinkyin saa amantam no mu tuu asuafo no fo de hyɛɛ wɔn nkuran. Afei, obeduu Hela. Odii hɔ abosom abiɛsa. 3Bere a ɔresiesie ne ho akɔ Siria no, ɔtee sɛ Yudafo no abɔ ne ho pɔw; enti ɔsan nʼakyi kɔfaa Makedonia kɔe.

4Piro a ofi Beroia no ba Sopater ne Paulo na ɛkɔe. Wɔn a wɔka ne ho kɔe no nso bi ne Aristarko ne Sekundo a wofi Tesalonika ne Gaio a ofi Derbe ne Timoteo ne Tihito ne Trofimo a wofi Asiaman mu no. 5Saa nnipa yi dii kan kɔtwɛn yɛn wɔ Troa. 6Yedii Apiti Afahyɛ no wiei no, yefii Filipi, na nnanum akyi no, yɛkɔtoo wɔn wɔ Troa, dii nnawɔtwe wɔ hɔ.

Paulo nyan Eutiko

7Nnawɔtwe no mu da a edi kan no, yehyiaam sɛ anuanom didii. Esiane sɛ na ade kye a Paulo befi kurow no mu no nti, ɔkasa kyerɛɛ anuanom no kosii ɔdasum. 8Na akanea pii wɔ abansoro dan a yɛahyia wɔ hɔ no mu. 9Bere a Paulo rekasa no, na aberante bi a wɔfrɛ no Eutiko te mfɛnsere ano retɔ nko. Ɔdae hatee ma ofii abansoro dan a ɛto so abiɛsa no so bɛhwee fam. Wɔmaa ne so no, na wawu. 10Paulo sian baa fam, kobutuw ne so, maa no so kae se, “Munnsuro, efisɛ, onwui!” 11Afei ɔsan foro kɔɔ abansoro no so kobubuu abodoo ne asuafo no dii. Paulo toaa ne kasa no so kosii adekyee ansa na ɔregyaw wɔn hɔ. 12Anuanom no de anigye de aberante a wonyanee no no kɔɔ fie.

Paulo kɔ Mileto

13Yɛde hyɛn dii kan kɔɔ Aso sɛ yɛrekɔfa Paulo wɔ hɔ, efisɛ, na waka akyerɛ yɛn se ɔrefa fam akɔ hɔ. 14Ɔbɛkaa yɛn ho wɔ Aso na yɛne no toaa so kɔɔ Mitilene. 15Ade kyee no, yekoduu Kio. Ne nnanu so no, yebeduu Samo; na nʼadekyee no, yebeduu Mileto.

16Esiane sɛ na Paulo ho pere no sɛ, sɛ ebetumi a obedu Yerusalem akodi Pentekoste Afahyɛ no wɔ hɔ no nti, ɔyɛɛ nʼadwene sɛ ɔrennyina Efeso sɛnea ɛbɛyɛ a ɔrenkyɛ wɔ Asia. 17Paulo soma fii Mileto kɔɔ Efeso kɔka kyerɛɛ asafo mpanyimfo no se wonhyia no.

18Wɔbae no, ɔka kyerɛɛ wɔn se, “Efi da a edi kan a mebaa Asia no, munim ɔkwan a mefaa so ne mo tenae. 19Ɛwom sɛ ɛnam Yudafo no pɔwbɔ so ma mihuu amane bebree de, nanso mede ahobrɛase ne nisu yɛɛ mʼadwuma sɛ Awurade somfo. 20Munim sɛ bere a na merekyerɛkyerɛ mo wɔ guam ne afi mu no, mamfa biribiara a ɛho bɛba mo mfaso no anhintaw mo. 21Mebɔɔ Yudafo ne Amanamanmufo no kɔkɔ se wɔntwe wɔn ho mfi wɔn bɔne ho, mfa wɔn ho mma Onyankopɔn, na wonnye Yesu Kristo nni.

22“Afei esiane sɛ Honhom Kronkron ahyɛ me no nti, merekɔ Yerusalem a minnim asɛm a ɛbɛto me wɔ hɔ. 23Nea minim ara ne sɛ, Honhom Kronkron abɔ me kɔkɔ se kurow biara a mɛkɔ mu no, wɔde me bɛto afiase na mahu amane. 24Sɛnea ɛbɛyɛ a metumi madu botae a esi mʼanim no ho na mawie dwuma a Awurade Yesu de maa me sɛ menka Onyankopɔn dom ho asɛmpa no nti, mammu me kra sɛ ade a ɛsom bo.

25“Minim sɛ mo a maka Onyankopɔn Ahenni no ho asɛm makyerɛ mo no mu biara renhu me bio. 26Ɛno nti, ɛnnɛ, mereka makyerɛ mo se, sɛ ɛba sɛ mo mu bi yera a, na emfi me. 27Efisɛ, mamfa Onyankopɔn asɛm no mu biara anhintaw mo.

28“Monhwɛ mo ho so ne nguankuw a Honhom Kronkron de wɔn ahyɛ mo nsa sɛ ahwɛfo no yiye. Monhwɛ wɔn yiye, efisɛ, Onyankopɔn de ne Ba no mogya na agye wɔn. 29Minim sɛ me kɔ akyi no, atoro akyerɛkyerɛfo a wɔn ho yɛ hu sɛ mpataku bewura mo mu abɛsɛe mo. 30Bere bi bɛba a, mo mu binom bɛsɔre, nam atoro so atwe asuafo no mu bi adi wɔn akyi. 31Ɛno nti, monna mo ho so! Monkae sɛ, mfirihyia abiɛsa a midii wɔ mo nkyɛn no, menam amanehunu ne yaw mu tuu mo fo awia ne anadwo.

32“Afei, mede mo hyɛ Onyankopɔn ne ne dom nsɛm a etumi hyɛ mo gyidi den na ɛma munya nʼagyapade a wasiesie ama ahotefo no nsa.

33“Mʼani ammere obi dwetɛ anaa sika anaa ntama. 34Mo ara mudi adanse sɛ, me nsa ano adwuma so na menam mehwɛɛ me ho ne wɔn a wɔka me ho no. 35Mede mʼabrabɔ ayɛ nhwɛso akyerɛ mo sɛ, ɛsɛ sɛ yɛyere yɛn ho yɛ adwuma de boa ahiafo na yɛkae sɛ, Awurade Yesu ankasa kae se, ‘Ɔma mu wɔ nhyira sen ogye.’ ”

36Paulo kasa wiei no ɔne wɔn nyinaa buu nkotodwe bɔɔ mpae. 37Wɔn nyinaa sui, bam no, maa no nantewye. 38Nea ɛyɛɛ wɔn awerɛhow koraa ne asɛm a ɔka kyerɛɛ wɔn se wɔrenhu no bio no. Afei wɔn nyinaa kogyaa no hyɛn no mu.

Copyright information for TwiNAK